Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 43

Animuonyam Sane Ba Asɔredan No Mu

1 Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano, 2 na mehunuu Israel Onyankopɔn animuonyam apue apueeɛ fam reba. Na ne nne te nsusenee nworosoɔ ano den, na asase no so hyerɛnee nʼanimuonyam no mu. 3 Anisoadehunu a menyaeɛ no te deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam. 4 Awurade animuonyam faa ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no mu hyɛnee asɔredan no mu. 5 Na honhom no pagyaa me de me baa mfimfini adihɔ na Awurade animuonyam hyɛɛ asɔredan no ma.

6 Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. 7 Ɔkaa , "Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi. 8 Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn mʼabufuo mu. 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.

10 "Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho, 11 na wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so.

12 "Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho bepɔ no so nyinaa kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ.

Afɔrebukyia

13 "Afɔrebukyia no nsusuiɛ na ɛdidi soɔ yi. Ne nsuka mu anammɔn ne fa na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, na anoano hini a ɛtwa ho hyia no nso tɛtrɛtɛ bɛyɛ nsateakwaa nkron. Na yei nso ne afɔrebukyia no tentene: 14 Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so ne soro anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso ɔnamɔn ne fa. 15 Afɔrebukyia no wisie tokuro no ɔsorokɔ anammɔn nsia na mmɛn ɛnan a ano hwɛ soro tuatua ho. 16 Afɔrebukyia wisie tokuro no ahinanan, na ɛfa biara anammɔn dunwɔtwe. 17 Afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no nso ahinanan a afanan no mu biara anammɔn aduonu baako, na kawa a ɛyɛ nsateakwaa nkron da apa no ano na nsuka a atwa ho ahyia ɔnamɔn ne fa. Atwedeɛ a ɛkɔ afɔrebukyia no so no ani hwɛ apueeɛ fam."

18 Ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: 19 Ɛsɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 20 Ɛsɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso. 21 Ɛsɛ wofa bɔne afɔrebɔdeɛ nantwie no na wokɔhye no asɔredan no ho beaeɛ a wɔayi ato , kronkronbea no akyi.

22 "Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no. 23 wowie ɛho dwira a, ɛsɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ. 24 Ɛsɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfoɔ de nkyene pete wɔn so na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.

25 "Ɛsɛ wode ɔpapo ba bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba. 26 Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi ama dwumadie. 27 Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ Awurade asɛm nie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também