Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 31

Ntweneduro Bi A Ɛwɔ Lebanon

1 Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm :

" Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?

3 Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon,

Ɔde mman a ɛyɛ , na ɛhyɛ kwaeɛ so

nyini kɔɔ ɔsoro yie,

ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.

4 Nsuo no maa no aduane,

nsuwa nsuwa a emu ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro;

wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa

de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.

5 Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro

senee mfuo no so nnua nyinaa;

ne dubaa dɔɔso

ne mman nyini yɛɛ atentene,

na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.

6 Ewiem nnomaa nyinaa

yɛɛ wɔn pirebuo ne dubaa no mu,

wiram mmoa nyinaa

wowoo mma ne mman no ase

aman akɛseɛ nyinaa

tenaa ne nwunu ase.

7 Na ne kɛseyɛ no ,

ne dubaa a adendan no enti,

na ne nhini nyini kɔɔ fam

kɔduruu nsuo bebree mu.

8 Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu

nto no,

na pepeaa nnua nso

dubaa ne no nyɛ ,

na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso

ntoto ne mman ho,

dua biara nni Onyankopɔn turo

no mu a nʼahoɔfɛ te no.

9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ

maa no mman bebree,

na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa

Onyankopɔn turo no mu no

ani beree no.

10 " Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan ne tentenyɛ ho enti, 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no, 12 na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no . Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no . 13 Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14 Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, nnipa mma a wɔsiane amena mu no nkyɛn.

15 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. 16 Memaa aman no ho popoeɛ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ asase ase. 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ akofena ano no ho.

18 " Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ akofena ano no.

" Yei Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também