Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 24

Ɛsɛn No

1 Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. 3 Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no abɛbuo mu kyerɛ wɔn : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so

na hwie nsuo gu mu.

4 Fa nankum no gu mu,

nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.

Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;

5 fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.

Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;

ma ɛnhuru

na noa nnompe a ɛwɔ mu no.

6 " Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,

nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,

na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!

Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu

a wommɔ so ntonto.

7 " Mogya a ɔhwie guiɛ no ne mfimfini:

ɔhwie guu ɔbotan wesee so;

wanhwie angu fam,

baabi a mfuturo bɛkata soɔ.

8 ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti

mede ne mogya guu ɔbotan wesee so

sɛdeɛ ɛso renkata.

9 " Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!

Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.

10 Enti hyehyɛ nnyensin no

na ogya no.

Noa ɛnam no yie,

fa ahwanhwanneɛ fra mu;

na ma nnompe no nhye.

11 Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so

kɔsi ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ

sɛdeɛ emu fi no bɛnane

na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.

12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;

emu fi dodoɔ no ankɔ,

ogya mpo antumi annyi.

13 " Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.

14 " Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ "

Hesekiel Yere Owuo

15 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 16 "Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo. 17 Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di."

18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.

19 Afei nnipa no bisaa me , "Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?"

20 Enti meka kyerɛɛ wɔn , "Awurade asɛm baa me nkyɛn : 21 Ka kyerɛ Israel efie : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ akofena ano. 22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di. 23 Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie mo mu. 24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu mene Otumfoɔ Awurade no.

25 "Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no, 26 saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo. 27 Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu mene Awurade no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também