Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 35

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔ Seir; hyɛ nkɔm tia no 3 na ka , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya, Bepɔ Seir, na mɛtene me basa atia wo, na mɛma woada mpan. 4 Mɛdane wo nkuro ama ayɛ mmubuiɛ na wobɛda mpan. Afei wobɛhunu mene Awurade no.

5 " Esiane wode tete nitan hyɛɛ wo mu na woyii Israelfoɔ maa akofena wɔn amanehunu mu, ɛberɛ a wɔn asotwe duruu ne mpɔnpɔnsoɔ no 6 enti, mete ase yi deɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mede wo bɛma mogyahwieguo na ɛbɛdi wʼakyi. Esiane woansuro mogyahwieguo no enti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7 Mɛma bepɔ Seir ada mpan, na mayi wɔn a wɔdi so akɔneaba no afiri . 8 Mede atɔfoɔ bɛhyɛ wo mmepɔ so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ akofena ano bɛhwehwe ase wo nkokoɔ so, mmɔnhwa mu ne wo subɔnhwa mu. 9 Mɛma wada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkuro so. Afei, wobɛhunu mene Awurade no.

10 " Woaka , "Saa aman mmienu ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea na yɛbɛfa," ɛberɛ a me Awurade mete , 11 enti, mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn. 12 Afei, wobɛhunu me Awurade, mate animtiabuo nsɛm a woaka atia Israel mmepɔ. Wokaa , "Wɔama ada mpan na wɔadane ama yɛn yɛmfa." 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na meteeɛ. 14 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛberɛ a ewiase nyinaa redi ahurisie no, mɛma woada mpan. 15 Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu mene Awurade no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também