Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 4

Yerusalem Tua Ho Mfoni

1 "Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyire Yerusalem kuropɔn mfoni so. 2 Si otua ho nnwuma ma no: apie tia no, mpampim ne nsraban ho, na fa obubuadaban nnua twa ho hyia. 3 Afei, fa dadeɛ kyɛmferɛ to ɔfasuo wo ne kuropɔn no ntam na dane wʼani kyerɛ no. Wɔbɛtua kuropɔn no, na wo na wobɛtua no. Yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.

4 "Afei, da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodoɔ a wode da wo fa so no. 5 Mede wɔn bɔne mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo. Enti nnafua ahasa ne aduɔkron (390) na wode bɛsoa Israelfoɔ bɔne.

6 "Ɛno akyi, da bio wo nifa so na soa Yudafoɔ bɔne adaduanan a ɛda koro biara bɛyɛ afe baako. 7 Dane wʼani kyerɛ Yerusalem mpampim na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no. 8 Mede ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi nnane wo ho kɔsi otua nna no bɛba nʼawieeɛ.

9 "Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no. 10 Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara ɛberɛ ano, berɛ ano. 11 Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano. 12 Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan ogya." 13 Awurade kaa : "Saa ara na Israelfoɔ bɛdi aduane a wɔagu ho fi amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no."

14 Na mekaa , "Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da."

15 Awurade kaa , "Ɛyɛ, mɛma wode nantwie agyanan asi onipa deɛ anan mu, na wato wo burodo so."

16 Afei ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, mɛtwa aduane a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyera bɛdi aduane a wɔkyekyɛ mu, na wɔde abasamutuo anom nsuo a wɔkyekyɛ, 17 ɛfiri aduane ne nsuo ho bɛyɛ den. Wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔhunu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne enti, wɔbɛfonfɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também