Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 8

Asɔredan Mu Abosonsom

1 Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ Awurade nsa baa me so . 2 Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte ogya, na ɛfiri rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn dadeɛ a adɔ. 3 Ɔtenee biribi te nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie. 4 Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam , te anisoadehunu a menyaa no ɛserɛ so no.

5 Afei, ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, hwɛ atifi fam ." Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi.

6 Ɔkaa kyerɛɛ me , "Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa."

7 Afei, ɔde me baa adihɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro ɔfasuo no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me , "Onipa ba, ɔfasuo no mu tokuro." Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi .

9 Ɔkaa kyerɛɛ me , "mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ ha." 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12 Ɔbisaa me , "Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ esum no mu. Obiara nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka , Awurade nhunu yɛn; Awurade agya asase no!’ " 13 Ɔkaa bio , "Wobɛhunu wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei."

14 Afei ɔde me baa Awurade efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete resu Tamus. 15 Ɔbisaa me , "Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei."

16 Afei, ɔde me baa Awurade efie adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, na ɛhɔ, asɔrefie no ano kwan, abrannaa ne afɔrebukyia no ntam, na ɛhɔ na mmarimma bɛyɛ aduonu enum . Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ fam no, na wɔrekoto som owia a ɛwɔ apueeɛ fam.

17 Ɔbisaa me , "Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ ha yi asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase! 18 Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também