Publicidade

João 19

1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2 Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3 Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa , "Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!"

4 Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio , "Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu menni asɛm biara a mɛgyina so abu no ." 5 Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no , "Onipa no ni!"

6 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam , "no asɛnnua mu! no asɛnnua mu!"

Pilato ka kyerɛɛ wɔn , "Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri , menni asɛm biara a mɛgyina so abu no ."

7 Yudafoɔ no buaa , "Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ , ɛsɛ ɔwu, ɛfiri , ɔkaa , ɔyɛ Onyankopɔn Ba."

8 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie. 9 Ɔsane kɔɔ ahemfie kɔbisaa Yesu , "Ɛhe na wofiri?" Nanso Yesu ammua no. 10 Pilato bisaa no , "Woremmua me anaa? Ɛsɛ wohunu , mewɔ tumi megyaa wo na mewɔ tumi nso mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!"

11 Yesu buaa no , "Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso."

12 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam , "wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!"

13 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so faako a wɔfrɛ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ "Gabata." 14 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no.

Pilato ka kyerɛɛ Yudafoɔ no , "Mo ɔhene no ni!"

15 Ɛdɔm no nso teateaa mu bio , "Fa no ! no asɛnnua mu!"

Pilato bisaa wɔn , "Mopɛ mebɔ mo ɔhene no asɛnnua mu anaa?"

Asɔfoɔ mpanin no kaa , "Yɛn ɔhene a yɛwɔ ara ne Kaesare!"

16 Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Wɔbɔ Yesu Asɛnnua Mu

17 Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ "Nitire So" , a Hebri kasa mu ɛyɛ "Golgota." 18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.

19 Pilato twerɛɛ :

Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene

maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi. 20 Esiane faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ. 21 Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato , "Ntwerɛ , Yudafoɔ ɔhenena mmom twerɛ , Saa ɔbarima yi na ɔkaa , mene Yudafoɔ ɔhene!’ "

22 Pilato kaa , "Deɛ matwerɛ no, matwerɛ."

23 Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.

24 Asraafoɔ no nyinaa kaa , "Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya."

Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka ,

"Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu,

bɔɔ so ntonto faeɛ" no bɛba mu.

Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.

25 Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no wɔgyina no, ɔka kyerɛɛ ne maame , "Ɔbaa, wo ba nie." 27 Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no , "Wo maame nie." Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.

Yesu Wuo

28 Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa , "Osukɔm de me." 29 Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano. 30 Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa , "Mawie!" Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.

31 Na da no ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato wɔpɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so. 32 Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan19.32 Wɔkɔbubuu ɔbarima a: wɔyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a onipa a wɔabɔ no asɛnnua mu no bɛwu ntɛm.. 33 Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi. 34 Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ. 35 Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi. 36 Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka , "Wɔremmu ne dompe bi" 37 ne "Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea" no bɛba mu.

Wɔsie Yesu

38 Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no. 39 Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ. 40 Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no. 41 Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi mu da turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no. 42 Esiane na saa ɔboda no bɛn no enti, wɔsiee Yesu amu no .

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-