Pular para o conteúdo
Publicidade

Yohane 20

Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Maria Magdalene

11 Maria deɛ na ɔda so gyina ɔboda no ho resu. Ɔgu so resu no, ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɔboda no mu, 12 na ɔhunuu ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ɔbaako te atifi na ɔbaako nso te anafoɔ faako a na Yesu amu no da no.

13 Wɔbisaa no , "Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?"

Maria de awerɛhoɔ buaa , "Nnipa bi abɛfa mʼAwurade na mennim faako a wɔde no akɔto." 14 Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu na obi gyina a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim ɛyɛ ɔno.

15 Yesu bisaa no , "Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?"

Na Maria deɛ ɔsusu ɛyɛ turom hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no , "Owura, wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no."

16 Yesu frɛɛ no , "Maria!"

Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so Hebri kasa mu , "Rabuni!" (a aseɛ ne "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ").

17 Yesu ka kyerɛɛ no , "Nsɔ me mu, ɛfiri , mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no , meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn."

18 Maria Magdalene firii kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Veja também