14 Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno.
15 Yesu bisaa no sɛ, "Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?"
Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, "Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no."
16 Yesu frɛɛ no sɛ, "Maria!"
Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, "Rabuni!" (a aseɛ ne "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ").