Yesu Yi Ne Ho Adi Kyerɛ Toma
24 Ɛberɛ a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ no, na Toma a wɔfrɛ no Ata a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako no nni hɔ bi. 25 Ɛberɛ a asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, "Wɔahunu Awurade no!"
Wannye anni kaa sɛ, "Sɛ manhunu ne nsam ne ne mfem twa no na mamfa me nsa anka a, merennye nni da."
26 Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, "Asomdwoeɛ nka mo!" 27 Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, "Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!"
28 Toma de ahonuo kaa sɛ, "Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!"
29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di."