Publicidade

João 21

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

1 Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie: 2 Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho. 3 Wɔwɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no , "Merekɔyi nam." Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no , "Yɛne wo bɛkɔ." Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.

4 Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano , nanso na asuafoɔ no nnim ɛyɛ ɔno.

5 Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn , "Anuanom, moayi nam bi anaa?"

Wɔbuaa , "Dabi."

6 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mongu mo asau no nifa fam na mobɛyi nam." Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei a na wɔtwe a ɛntwe.

7 Afei, osuani a Yesu no no ka kyerɛɛ Petro , "Ɛyɛ Awurade." Ɛberɛ a Simon Petro tee ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano . 8 Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ ɛpo no so ba mpoano no bɛyɛ mita ɔha. 9 Wɔduruu mpoano no wɔhunuu obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.

10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momfa nam a moayi no bi mmra." 11 Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa mu no baa mpoano . Ɛwom na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete. 12 Yesu frɛɛ wɔn , "Mommɛdidi." Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri , na wɔnim ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. 14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

Petro Kyerɛ Ne

15 Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro , "Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom me no anaa?"

Petro buaa , "Aane, Awurade, wonim medɔ wo."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Yɛne me nnwammaa."

16 Yesu sane bisaa no , "Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?"

Petro sane buaa , "Aane, Awurade, wonim medɔ wo."

Yesu sane ka kyerɛɛ no , "Hwɛ me nnwan."

17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so , "Yohane ba Simon, ampa ara wodɔ me?"

Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu , "Awurade, wonim biribiara, na wonim nso , medɔ wo!"

Yesu ka kyerɛɛ no , "Yɛne me nnwan. 18 Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ wokɔ." 19 Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro , "Di mʼakyi."

20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu osuani a Yesu no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no , "Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama" no? 21 Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu , "Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?"

22 Yesu buaa no , "mepɛ ɔtena kɔsi mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi." 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu , saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa , "mepɛ ɔtena kɔsi mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?"

24 Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim nʼadanseɛ no nokorɛ.

25 Nneɛma bebree nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di ɛrensene ewiase.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-