Publicidade

João 4

Ɔbaa A Na Ɔwɔ Kununom Baanum

1 Farisifoɔ no tee nnipa pii rekɔ Yesu nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sene sɛdeɛ nnipa Yohane nkyɛn. 2 Nso na Yesu ankasa deɛ, ɔmmɔ asu, na mmom, nʼasuafoɔ no na wɔbɔ asu. 3 Yesu tee saa asɛm yi no, ɔfirii Yudea sane kɔɔ Galilea.

4 Ɔrekɔ no, na ɛsɛ ɔfa Samaria. 5 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6 Ɛhɔ na na Yakob abura . Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.

7 Ankyɛre, Samariani baa bi baa bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no , "Ma me nsuo no bi nnom." 8 Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kuro no mu kɔtɔ aduane.

9 Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu , "Ɛyɛ me nwanwa wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn." Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee .

10 Yesu buaa no , "wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo."

11 Ɔbaa no bisaa , "Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri? 12 Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?"

13 Yesu buaa no , "Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, 14 nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ asutire a ɛrenwe da ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da."

15 Ɔbaa no srɛɛ no , "Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo."

16 Yesu ka kyerɛɛ no , "Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra."

17 Ɔbaa no buaa no , "Me wura, menni kunu."

Yesu nso kaa , "Asɛm a woaka no nokorɛ wonni kunu no. 18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu."

19 Ɔbaa no kaa , "Owura, mehunu woyɛ odiyifoɔ. 20 Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka Yerusalem nko ara na ɛsɛ yɛsom Onyankopɔn."

21 Yesu ka kyerɛɛ no , "Merema woate aseɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. 22 Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri , Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. 23 Nna bi reba, na mpo aba dada , nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. 24 Onyankopɔn Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu."

25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no , "Menim Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu."

26 Yesu ka kyerɛɛ no , "Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no."

27 Yesu ano siiɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa wɔbɛtoo Yesu ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.

28 Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ , 29 "Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?" 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.

31 Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi."

32 Yesu buaa wɔn , "Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee."

33 Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Obi abrɛ no aduane bi anaa?"

34 Yesu buaa , "Mʼaduane ne meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me memmɛdi no. 35 Moka , Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu aburoo ahoa a ɛkyerɛ , otwaberɛ aduru! 36 Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. 37 Ɛyɛ nokorɛ pefee , Obi dua na obi twa. 38 Mesomaa mo kɔɔ baabi monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu."

Samariafoɔ Pii Gye Yesu Di

39 Esiane adanseɛ a Samariani baa no dii Yesu ho , "Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me" no enti, kuro no mu hɔfoɔ pii gyee Yesu dii ɔno ne Mesaia no. 40 Enti, ɛberɛ a Samariafoɔ no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnanu wɔn nkyɛn. 41 Ne nsɛm no enti nnipa bebree gyee no diiɛ.

42 Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no , "Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim ɔno ne ewiase Agyenkwa no."

Galileafoɔ Gye Yesu

43 Nnanu akyi no, Yesu firii kuro no mu kɔɔ Galilea. 44 Ɛwom na Yesu aka , odiyifoɔ biara nni animuonyam ne ɔman mu deɛ, nanso 45 ɛsiane deɛ Galileafoɔ a wɔwɔ Yerusalem Twam Afahyɛ berɛ no mu no hunuu deɛ Yesu yɛeɛ no enti, ɔduruu Galilea no, wɔgyee no.

Yesu Sa Abɔfra Bi Yadeɛ

46 Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã no bio. Ɔwɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare Kapernaum no 47 tee Yesu nka ɔfiri Yudea aba Galilea . Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no , ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.

48 Yesu kaa , "Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?"

49 Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no , "Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu."

50 Yesu ka kyerɛɛ no , "efie, wo ba no ho ayɛ no den!"

Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim ɔrekɔ efie. 51 Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no , ne ba no ho ayɛ no den. 52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no , "Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?" Asomfoɔ no buaa no , "Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ."

53 Ɔbarima no tee asɛm no na ɔkaee ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no , "na wo ba no ho ayɛ no den no." Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.

54 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-