Publicidade

Isaías 44

Israel Deɛ Wapa No

1 "Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ,

Israel, deɛ mapa no.

2 Sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo awotwaa mu,

ɔno na ɔbɛboa wo:

Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ,

Yeshurun, a mapa noɔ.

3 Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so,

ne asutene asase kesee so;

mɛhwie me Honhom agu wo mma so,

ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.

4 Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri mmoa adidibea,

te mpampuro a ɛwɔ asutene ho.

5 Obi bɛka , Meyɛ Awurade dea;

ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho Yakob;

bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho , Awurade dea,

na wafa edin Israel.

Ɛyɛ Awurade, Ɛnyɛ Ahoni

6 "Sei na Awurade

Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ:

Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ;

Onyankopɔn biara nni me.

7 Hwan na ɔne me ? Ma ɔmpae mu nka.

Ma ɔnka na ɔnkyerɛ mʼanim

deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii ,

ne deɛ ɛrebɛba,

aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm.

8 Mommma mo ho mpopo, monnsuro.

Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa?

Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa?

Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni ; mennim obiara."

9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee,

na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ.

Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira;

wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.

10 Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni,

a ne ho mma no mfasoɔ biara?

11 Ɔno ne wɔn a wɔte no nyinaa anim bɛgu ase;

adwumfoɔ nyɛ hwee nnipa.

Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina,

ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.

12 Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ

ɔde hyehyɛ egyasramma mu;

ɔde asaeɛ bobɔ so no ohoni,

ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ;

ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ;

ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.

13 Duadwumfoɔ de ahoma susu

na ɔde twerɛdua sensane;

na ɔde fitiɛ yiyi ho

afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ.

Ɔsene na ɛyɛ onipa sɛso,

ɛyɛ onipa nʼanimuonyam nyinaa mu,

wɔde bɛsi abosonnan mu.

14 Ɔtwitwaa ntweneduro,

anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum.

Ɔmaa ɛnyiniiɛ kwaeɛ mu,

anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ.

15 Ɛyɛ deɛ onipa de ogya;

ɔde ebi ka ne ho hye,

ɔde bi ogya to burodo.

Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no;

ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.

16 Ɔde dua no mu fa ogya;

ɛso na ɔnoa nʼaduane,

ɔtoto ne nam so na wawe amee.

Afei ɔka ne ho hye na ɔka ,

Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.

17 Nkaeɛ no ɔde onyame, ne honi;

ɔkoto no na ɔsɔre no.

Ɔbɔ no mpaeɛ ,

"Gye me; wone me nyame."

18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase;

wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ,

wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.

19 Obiara nna nnwene ho,

obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka ,

"Mede ɛfa sɔɔ ogya;

na mpo metoo burodo ne gyaframa so;

metotoo nam so weeɛ.

Ɛsɛ mede nkaeɛ no akyiwadeɛ anaa?

Ɛsɛ mekoto gyentia anaa?"

20 Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan;

ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka ,

"Deɛ mekura me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?"

21 "Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob,

ɛfiri , woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel.

Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ;

Ao Israel, me werɛ remfiri wo.

22 Mapra wo mfomsoɔ agu te ɛbɔ

ne wo bɔne te anɔpa bosuo.

Sane bra me nkyɛn,

ɛfiri magye wo."

23 Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro,

na Awurade na wayɛ yei.

Mommɔ ose, Ao, asase ase.

Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ,

mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa,

na Awurade agye Yakob,

wada nʼanimuonyam adi Israel.

Wɔbɛtena Yerusalem

24 "Sei na Awurade seɛ,

wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo awotwaa mu no:

"Mene Awurade,

deɛ wayɛ nneɛma nyinaa,

deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu

deɛ ɔno nko ara twee asase mu,

25 deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ

na ɔma nkɔmhyɛfoɔ nkwaseafoɔ;

deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo

na ɔdane no nkwaseasɛm,

26 deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu

deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma,

"deɛ ɔka fa Yerusalem ho , Wɔbɛtena ne mu,

ne Yuda nkuro ho , Wɔbɛkyekyere,

ne mmubuiɛ ho , Mɛyɛ no foforɔ,

27 deɛ ɔka kyerɛ nsubunu , We,

na mɛma wo asutene awewe,

28 deɛ ɔka Kores ho , Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ

na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa ;

ɔbɛka afa Yerusalem ho , "Ma wɔnkyekyere bio,"

na waka afa asɔredan no ho , "Ma wɔnto ne fapem." ’ "

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-