Pular para o conteúdo
Publicidade

João 4

Yesu Sa Abɔfra Bi Yadeɛ

46 Ɔsane kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsuo danee nsã no bio. Ɔwɔ no, ɔhene ɔsomfoɔ panin bi a na ne ba yare Kapernaum no 47 tee Yesu nka ɔfiri Yudea aba Galilea . Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kɔhunuu Yesu, srɛɛ no , ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yadeɛ mma no.

48 Yesu kaa , "Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?"

49 Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no , "Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu."

50 Yesu ka kyerɛɛ no , "efie, wo ba no ho ayɛ no den!"

Ɔsomfoɔ panin no gyee asɛm a Yesu kaeɛ no dii na ɔsiim ɔrekɔ efie. 51 Ɔnam ɛkwan so no, nʼasomfoɔ bi bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no , ne ba no ho ayɛ no den. 52 Ɔbarima no bisaa nʼasomfoɔ no , "Ɛberɛ bɛn na ne ho yɛɛ no den?" Asomfoɔ no buaa no , "Nnora awia bɛyɛ dɔnko berɛ mu na huraeɛnini a na abɔ no no gyaeeɛ."

53 Ɔbarima no tee asɛm no na ɔkaee ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no , "na wo ba no ho ayɛ no den no." Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.

54 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.

Veja também