Pular para o conteúdo
Publicidade

Sefania 2

1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

Ao, animguaseɛ ɔman,

2 ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,

na ɛda no resene te ntɛtɛ,

ansa na Awurade abufuhyeɛ no

aba mo so,

ansa na Awurade abufuo ɛda no

aba mo so.

3 Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,

mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.

Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;

ebia ɔbɛkora mo

Awurade abufuo ɛda no.

Atemmuo A Ɛtia Filistia

4 Wɔbɛgya Gasa

na wɔagya Askelon kurofo.

Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam

na wɔatutu Ekron ase.

5 Monnue mo a mote mpoano,

Ao, mo Keretifoɔ;

Awurade asɛm tia mo.

Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.

Mɛtɔre mo ase,

na obiara renka.

6 Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ

bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ

ne wɔn nnwammuo.

7 Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;

ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.

Anwummerɛ wɔbɛdeda

Askelon afie mu.

Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

8 "Mate Moab nsopa ne

Amonfoɔ atweetweɛ;

wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ

na wɔhunahunaa wɔn wɔn asase ho.

9 Enti, mete ase yi,"

sɛdeɛ Asafo Awurade,

Israel Onyankopɔn, seɛ nie,

"Ampa ara Moab bɛyɛ Sodom,

na Amonfoɔ ayɛ Gomora,

baabi a ewira ne nkyɛn amena ,

asase a ɛda mpan afebɔɔ.

Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;

me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase."

10 Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,

wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

11 Awurade ho suro bɛba wɔn so

ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.

Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,

wɔn ankasa wɔn asase so.

Atemmuo A Ɛtia Kus

12 "Mo Etiopiafoɔ nso,

mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo."

Atemmuo A Ɛtia Asiria

13 Awurade bɛtene ne nsa atifi aman so

na wasɛe Asiria,

na wama Ninewe ada mpan koraa

na ɛso awo wesee anwea pradada so.

14 Nnwankuo ne anantwie bɛdeda ,

mmoadoma nyinaa.

Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma

bɛtena nʼadum no so.

Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,

mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,

mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda .

15 Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie

na ɛte asomdwoeɛ mu.

Ɔhoahoa ne ho ,

"Me ne no, obiara nte me."

Hwɛ deɛ atete apansam,

na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!

Obiara a ɔtwam no sere no,

hugya ne nsa fɛdie so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

Sofonias
Ver todos os capítulos de Sofonias