34 Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, "Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?"
35 Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, "Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36 Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu. 37 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ."
38 Maria kaa sɛ, "Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ." Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.