59 Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria. 60 Nanso, ne maame kaa sɛ, "Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane."
61 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, "Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa."
62 Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no. 63 Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, "Ne din de Yohane." Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa. 64 Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.