Publicidade

Lucas 10

Asuafoɔ Aduɔson No Soma

1 Yei akyi, Yesu yii nʼakyidifoɔ no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkuro ne nkuraa a akyire no ɔbɛkɔ no so. 2 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu. 3 Monkɔ, na meresoma mo nnwan akɔ mpataku mu. 4 Mommfa sika, akwantubɔtɔ anaa mpaboa; na monnkyea obiara nso a mobɛhyia no ɛkwan so.

5 "mokɔ efie biara mu a, monni ɛkan nkyea efie hɔfoɔ no , Asomdwoeɛ nka mo! 6 Na asomdwoeɛ ba bi a, mo asomdwoeɛ bɛba ne so; na obi a ɔte saa nni a, mo asomdwoeɛ bɛsane aba mo nkyɛn. 7 Efie biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenaeɛ; aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni, ɛfiri ɛsɛ odwumayɛfoɔ biara nya nʼadwumayɛ so akatua; monnni atutena afie mu.

8 "Na mokɔ kuro biara mu na wɔgye mo fɛw so a, aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni. 9 Monsa kuro no mu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ ɛhɔfoɔ nyinaa , Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo. 10 Nanso, mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka , 11 Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee , Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 12 Mereka akyerɛ mo , saa kuro no, asɛm a ɛbɛto wɔn Atemmuo da no bɛsene deɛ ɛtoo Sodom no.

13 "Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ mo mu no, meyɛɛ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. 14 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wopɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman.

16 "Obiara a ɔtie mo no tie me, na deɛ ɔpo mo no po me, na deɛ ɔpo me no nso po deɛ ɔsomaa me no."

Aduɔson No Amanneɛbɔ

17 Aduɔson no sane de anigyeɛ baeɛ bɛbɔɔ amaneɛ , "Awurade, wo din enti, ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn."

18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Mehunuu ɔbonsam rete afiri ɔsoro anyinam abɛhwe fam. 19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo. 20 Nanso mommma mo ani nnye ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye wɔatwerɛ mo din ɔsoro."

Yesu Aseda Mpaeɛ

21 Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ , "Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di mmɔfra no. Nanso, Agya, wo mu na woma ɛbaa saa.

22 "Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no."

23 Ɛkaa ɔne nʼasuafoɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Nhyira ne aniwa a ɛhunu deɛ mohunu! 24 Ɛfiri , adiyifoɔ ne ahene pii pɛɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi na wɔte deɛ mote yi, nanso wɔanhunu na wɔante."

Mmaranimfoɔ Bi Asɛmmisa

25 Mmaranimfoɔ bi pɛɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"

26 Yesu nso bisaa no , "Ɛdeɛn na wɔatwerɛ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?"

27 Ɔbuaa no , "Mmara no ka , Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa Awurade, wo Onyankopɔn, na wo yɔnko wo ho!’ "

28 Yesu ka kyerɛɛ no , "Woabua no yie. yeinom na wobɛnya nkwa."

29 Nanso, ɔbarima no pɛɛ ɔkyerɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu , "Hwan ne me yɔnko?"

Samariani A Ɔhunuu Mmɔbɔ No

30 Yesu nso maa no mfatoho bi , "Ɛda bi na ɔbarima bi retu ɛkwan firi Yerusalem akɔ Yeriko. Na ɔnam ɛkwan so no, ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu na wɔgyee ne ho nneɛma nyinaa, hwee no, pirapiraa no ma ɔtɔɔ baha, gyaa no too kwankyɛn kɔeɛ. 31 Ankyɛre biara, Yudani ɔsɔfoɔ bi bɛpuee ne so, nanso ɔmane faa nkyɛn kɔeɛ. 32 Saa ara nso na Lewini bi nso bɛpuee ne so mane faa nkyɛn. 33 Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee . Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Ɔkɔkotoo ne nkyɛn, hohoroo nʼapirakuro no anim, de aduro guguu mu, kyekyereeɛ. Afei, ɔmaa no so de no tenaa nʼafunumu so dii aboa no nkyɛn de no kɔɔ ahɔhobea bi hwɛɛ no anadwo mu no nyinaa. 35 Adeɛ kyeeɛ no, ɔgyaa ahɔhobea sohwɛfoɔ no sika a ɛbɛso no hwɛ ɔmfa nhwɛ no. Ɔsane hyɛɛ no , Ɛka foforɔ biara a wobɛbɔ ne ho no, mɛba abɛtua.

36 "Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?"

37 Mmaranimfoɔ no buaa , "Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no."

Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nso, na kɔyɛ saa ara."

Marta Ne Maria

38 Ɛbaa Yesu ne nʼasuafoɔ rekɔ Yerusalem no, wɔkɔduruu akuraa bi ase. Wɔduruu no, ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta de no kɔɔ ne fie. 39 Marta nuabaa bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam Yesu nkyɛn tiee no. 40 Saa ɛberɛ no, Marta a nʼani abere reyɛ aduane no baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Awurade, mayɛ adwuma abrɛ enti ka kyerɛ Maria na ɔmmɛsɔ me mu."

41 Awurade buaa no , "Marta, Marta, wodwennwene ha wo ho nneɛma pii ho. 42 Adeɛ baako na ɛhia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfiri ne nsam."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-