Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 13:12-16

WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

12 Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, "Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den." 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.

14 Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, "Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda."

15 Na Awurade buaa no sɛ, "Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? 16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?"

Em outras traduções

  1. WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

    12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbea, wo ho nyɛ wo den." 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.

    14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, "Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda."

    15 Na Awurade buaa no se, "Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? 16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?"

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.