Publicidade

Lucas 13

Sakyera Anaasɛ Wu

1 Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu , Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no. 2 Yesu buaa wɔn , "Mogye di saa Galileafoɔ no nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no? 3 Dabi, mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara. 4 Anaasɛ mosusu nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5 Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara."

6 Afei, Yesu buu wɔn yi , "Ɔbarima bi duaa borɔdɔma ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. 7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no , Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.

8 "Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no , Me wura, ma ɛnsi afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ 9 ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ "

Yesu Sa Yadeɛ Homeda

10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ hyiadan mu no, 11 na ɔbaa bi a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa. 12 Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no , "Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den." 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ.

14 Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa , "Nnansia na ɛsɛ mode adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda."

15 Na Awurade buaa no , "Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? 16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ mesa no yadeɛ homeda?"

17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.

Onyina Aba Ne Mmɔka Ho Ɛbɛ

18 Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn , "Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ? 19 Onyankopɔn Ahennie no te onyina aba ketewa bi a obi dua nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo so."

20 Ɔbisaa bio , "Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ? 21 Ɛte mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu."

Ɛpono Teateaa No

22 Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru . 23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no , "Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?"

Ɔbuaa no , 24 "Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri , nnipa pii bɛpere wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi. 25 ɛba efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka , Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.

"Na ɔno nso abisa mo , Mofiri he? Mennim mo?

26 "Na mo nso moaka akyerɛ no , Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ yɛn mmorɔno so.

27 "Na efiewura no nso bɛbisa mo bio , Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!

28 "Na mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ. 29 Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. 30 Na monkae akyikafoɔ bi a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso a, wɔbɛka akyi."

Yesu Twa Yerusalem Ho Agyaadwoɔ

31 Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Firi ha , ɛfiri , Herode rehwehwɛ wo akum wo."

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔka nkyerɛ sakraman no , metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem. 33 Nanso, ɛsɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa odiyifoɔ bɛwu Yerusalem!

34 "Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ meboaboa wo mma ano akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. 35 Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi mobɛka , Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ "

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-