Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 15

4 "Mo mu hwan na ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi ɔbɛhunu no? 5 Na ɔhunu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigyeɛ de no aba. 6 Na ɔduru efie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfoɔ nyinaa aka akyerɛ wɔn , Momma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri , mahunu me odwan a ɔyeraeɛ no. 7 Saa ara nso na ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, ɔsorofoɔ nyinaa ani gye sene ateneneefoɔ aduɔkron nkron a ahonu ho nhia wɔn no.

Veja também