Pular para o conteúdo
Publicidade

Lucas 22

Petro Pa Yesu

54 Afei, wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanin efie. Ɛberɛ a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi. 55 Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie no, na asraafoɔ no asɔ ogya adihɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56 Abaayewa bi hunuu Petro ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa , "Saa ɔbarima yi Yesu akyidifoɔ no mu baako."

57 Petro sanee , "Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara."

58 Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa , "Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako."

Petro buaa no , "Dabi, menka wɔn ho."

59 Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua , "Akyinnyeɛ biara nni ho saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri , ɔno nso Galileani, na ne kasa koraa da no adi."

60 Petro sanee ne mprɛnsa so , "Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ." Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ. 61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no , "Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa" no, 62 Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ.

Veja também