Yesu Brɛ Mframa A Ɛyɛ Den Ase
22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ te kodoɔ mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa." Wɔsiim a wɔrekɔ no, 23 Yesu daeɛ. Saa ɛberɛ no ara mu, mframa a ano yɛ den bi bɔ maa nsuo bɛtaa kodoɔ no mu maa kodoɔ no yɛɛ sɛ ɛremem. Yei maa asuafoɔ no akoma tuu yie.
24 Asuafoɔ no de hu ne nteateam nyanee no sɛ, "Awurade, Awurade, yɛremem!"
Amonom hɔ ara, Yesu sɔre teateaa mframa a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
25 Afei, ɔbisaa wɔn sɛ, "Adɛn na monni gyidie?" Wɔn nyinaa suroeɛ de ahodwirie bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. "Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?"
Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne
26 Yesu ne nʼasuafoɔ no twaa ɛpo no bɛduruu Gerasefoɔ asase a ɛne Galilea di nhwɛanimu no so.