43 Ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu a obiara ntumi nsa no yadeɛ no, 44 firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano. Amonom hɔ ara, mogya a ɛtu no no twaeɛ.
45 Yesu bisaa sɛ, "Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ ano no?"
Obiara buaa sɛ, ɛnyɛ ɔno. Yei maa Petro kaa sɛ, "Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so."
46 Yesu buaa no sɛ, "Dabi, obi asɔ mʼatadeɛ mu ɛfiri sɛ, mete nka sɛ tumi bi afiri me mu."
47 Ɔbaa no hunuu sɛ ɔhinta a ɛrenyɛ yie, ɛno enti, ɔde hu ne ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no deɛ enti a ɔsɔɔ ne mu ne sɛdeɛ ne ho atɔ no no. 48 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Me ba, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den. Fa asomdwoeɛ kɔ."