12 Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so."
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Mo ara momma wɔn biribi nni."
Wɔbuaa no sɛ, "Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa." 14 Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum." 15 Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 16 Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no. 17 Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.