Publicidade

Lamentações 2

1 Sɛdeɛ Awurade de nʼabufuhyeɛ omununkum

akata Ɔbabaa Sion so nie?

Wato Israel animuonyam

firi soro abɛhwe fam;

wankae ne nan ntiasoɔ

nʼabufuo da no.

2 Awurade annya ahummɔborɔ

na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa;

nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri

Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam.

Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma

ho fi.

3 Ɔde abufuhyeɛ atwitwa

Israel mmɛn nyinaa.

Wayi ne banbɔ

ɛberɛ a atamfoɔ no reba.

Wasɔ Yakob mu ogyadɛreɛ

a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia.

4 Wapoma ne bɛmma te ɔtamfoɔ;

ne nsa nifa ayɛ krado.

Sɛdeɛ ɔtamfoɔ no, wakunkum

wɔn a wɔyɛ anisoɔ nyinaa;

wahwie nʼabufuhyeɛ ogya

agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.

5 Awurade ayɛ ɔtamfoɔ;

wamene Israel.

Wamene nʼahemfie nyinaa

asɛe nʼabandenden.

Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso

ama Yuda Ɔbabaa.

6 Wama nʼatenaeɛ ada mpan turo;

wasɛe ne dwabirem.

Awurade ama Sion werɛ afiri

nʼafahyɛ ne home nna;

nʼabufuhyeɛ mu no

wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

7 Awurade apo nʼafɔrebukyia

na wagyae ne kronkronbea mu.

Ɔde nʼahemfie afasuo

ahyɛ nʼatamfoɔ nsa.

Wɔteam Awurade efie

te afahyɛ da.

8 Awurade sii nʼadwene pi ɔbɛsɛe

Ɔbabaa Sion ɔfasuo a atwa ne ho ahyia no.

Ɔde susuhoma too ho

na wannyae ɔsɛeɛ no.

Ɔmaa apie ne afasuo dii abooboo;

wɔn nyinaa sɛeɛ.

9 Nʼapono amem fam;

wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

Ne ɔhene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asuo amanaman no mu,

mmara nni bio,

na nʼadiyifoɔ nnnya anisoadehunu a

ɛfiri Awurade bio.

10 Ɔbabaa Sion mpanimfoɔ

tete fam ayɛ komm;

wɔde mfuturo agu wɔn tirim

afirafira ayitoma.

Yerusalem mmabaawa

asisi wɔn tiri ase.

11 Mʼani rentumi nnyae nisuteɛ,

me yafunu mu retwa me,

mʼakoma rete atɔ fam,

ɛfiri wɔasɛe me nkurɔfoɔ,

ɛfiri mmɔfra ne mmotafowa totɔ piti

kuropɔn no mmɔntene so.

12 Wɔbisa wɔn maamenom ,

"Ɛhe na aduane ne nsã ?"

Ɛberɛ a wɔtotɔ piti apirafoɔ

kuropɔn no mmɔntene so,

ɛberɛ a wɔn nkwa resa

wɔn maamenom abasa so.

13 Ɛdeɛn na mɛtumi aka ama woɔ?

Ɛdeɛn ho na mɛtumi de wo atoto,

Ao, Yerusalem Ɔbabaa?

Ɛdeɛn na mɛtumi de asusu woɔ,

de akyekyere wo werɛ,

Ao, Sion Ɔbabaa Bunu?

Wʼapirakuro so ɛpo.

Hwan na ɔbɛtumi asa ama woɔ?

14 Wʼadiyifoɔ anisoadehunu

atorɔ a ɛho nni mfasoɔ;

wɔanna mo amumuyɛ adi

ansi mo nnommumfa ano.

Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

atorɔ ne nnaadaa.

15 Wɔn a wɔtwam wo ɛkwan soɔ nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wɔdi wo ho na wɔwoso wɔn tiri

gu Yerusalem Ɔbabaa so ka ,

"Yei ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

ahoɔfɛ a ɛdi mu no?

Asase nyinaa anigyedeɛ no nie?"

16 Wʼatamfoɔ nyinaa baeɛ wɔn anom

kakraa tia wo;

wɔsere na wɔtwɛre wɔn se

na wɔka , "Yɛamene no.

Ɛda a na yɛretwɛn no nie;

Yɛatena ase ahunu."

17 Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ;

wama nʼasɛm a

ɔhyɛɛ dadaada no aba mu.

Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ,

wama ɔtamfoɔ no ani agye

wama wʼatamfoɔ no mmɛn so.

18 Nnipa no akoma

su frɛ Awurade.

Ao, Sion Ɔbabaa fasuo,

ma wo nisuo nsene asubɔnten

awia ne anadwo;

nnye wʼahome

mma wʼani nso nnya ahomeɛ.

19 Sɔre, su denden anadwo

ɔdasuom mfitiaseɛ;

hwie wʼakoma mu nsɛm nsuo

gu Awurade anim.

Ma wo nsa so kyerɛ no

wo mma nkwa enti,

wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha

mmɔntene so.

20 "Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:

Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?

Ɛsɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,

mma a wɔahwɛ wɔn?

Ɛsɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ

Awurade kronkronbea anaa?

21 "Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu

mfuturo mu mmɔntene so,

me mmeranteɛ ne mmabaawa

atotɔ akofena ano.

Wakum wɔn wʼabufuo da;

wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.

22 "Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ apontoɔ da no,

saa ara na wofrɛfrɛɛ

amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.

Awurade abufuo da no,

obiara annwane na obiara anka:

wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,

me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn."

Veja também

Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-