Onifirani Bi Adehunu
46 Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne "Timoteo ba" no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 47 Ɛberɛ a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, "Dawid Ba Yesu, hunu me mmɔbɔ!"
48 Nnipa no bi teateaa no sɛ, "Mua wʼano!" Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, "Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!"
49 Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, "Momfrɛ no mma me."
Wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, "Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!" 50 Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn.
51 Yesu bisaa no sɛ, "Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?"
Onifirani no buaa sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!"
52 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, "Kɔ, na wo gyidie agye wo." Na ntɛm ara onifirani no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi.