Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 3

Ɔsɔfopanin Ntadeɛ A Ani Te

1 Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua3.1 Yosua: Onipa korɔ yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nwoma mu. Ɛha no, edin no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoɔman Israel (3.8-9). a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ. 2 Na Awurade ka kyerɛɛ Satan , "Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?"

3 Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. 4 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no , "Monnyi ne ho ntadeɛ fi no."

Afei ɔka kyerɛɛ Yosua , "Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ bɛhyɛ wo."

5 Afei, mekaa , "Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti." Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina .

6 Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: 7 "Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.

8 " Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba. 9 Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi so,sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, na mede ɛda koro bɛpepa asase yi so bɔne.

10 " Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também