Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 6

Nteaseɛnam Ɛnan

1 Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no kɔbere mfrafraeɛ. 2 Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no. 3 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho den. 4 Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no , "Me wura, yeinom ɛdeɛn?"

5 Ɔbɔfoɔ no buaa me , "Yeinom ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ. 6 Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔeɛ fam; na deɛ apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafoɔ fam."

7 Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa , "Monkɔ asase nyinaa so!" Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.

8 Afei, ɔfrɛɛ me , "Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ atifi fam asase no so."

Yosua Ahenkyɛ

9 Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa , 10 "Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara Sefania babarima Yosia fie. 11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12 Ka kyerɛ no , sei na Asafo Awurade seɛ: Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri akɔsi Awurade asɔredan no. 13 Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.14 Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ Awurade asɔredan mu. 15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também