Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 4

Sikakɔkɔɔ Kanea Dua Ne Ngo Nnua Mmienu No

1 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sanee nʼakyi bɛnyanee me, sɛdeɛ wɔnyane obi firi ne nna mu no. 2 Ɔbisaa me , "Ɛdeɛn na wohunu yi?"

Mebuaa , "Mehunu kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a kuruwa si so, na nkanea nson a ebiara ne dorobɛn sisi so. 3 Bio, ngo nnua mmienu sisi ho, baako kuruwa no nifa so, ɛna baako nso ne benkum so." 4 Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no , "Yeinom ɛdeɛn, me wura?"

5 Ɔbuaa , "Wonnim deɛ yeinom anaa?"

Mekaa , "Dabi, me wura."

6 Enti ɔka kyerɛɛ me , "Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

7 "Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ , Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ "

8 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn : 9 "Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu , Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.

10 "Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? nnipa hunu Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye.

"(Saa ani nson yi Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)"

11 Na mebisaa ɔbɔfoɔ no , "Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no ɛdeɛn?"

12 Na mebisaa no bio , "Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no ɛdeɛn?"

13 Ɔbuaa , "Enti wonnim deɛ yeinom anaa?"

Mebuaa , "Dabi, me wura."

14 Nti ɔkaa , "Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também