Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 1

Awurade Nkyɛn Ba Ho Frɛ

1 Ɔbosome a ɛtɔ so nwɔtwe ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso Ido babarima nkyɛn :

2 "Awurade bo fuu mo tete agyanom. 3 Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no : Sei na Asafo Awurade seɛ: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,deɛ Asafo Awurade seɛ nie. 4 Monnyɛ mo tete agyanom, a adiyifoɔ a wɔdii ɛkan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn , Sei na Asafo Awurade seɛ: Monnane mfiri mo akwammɔne ne nneyɛeɛ bɔne ho,nanso wɔantie no na wɔanyɛ aso amma no. 5 Mo tete agyanom he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa? 6 Na me nsɛm a menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ so kaeɛ no, amma mo tete agyanom no so anaa?

"Afei wɔnuu wɔn ho na wɔkaa , Asafo Awurade ayɛ yɛn deɛ ɛfata yɛn akwan ne nneyɛeɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ nʼadwene ɔbɛyɛ no.’ "

Onipa A Ɔwɔ Ohwam Nnua No Mu

7 Na ɛda a ɛtɔ so aduonu ɛnan ɔbosome a ɛtɔ so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.

8 Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam bɔnhwa tiaa a emu mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa nʼakyi.

9 Mebisaa , "Yeinom ase ne sɛn, me wura?" Ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no buaa , "Mɛkyerɛ wo adekodeɛ a wɔyɛ."

10 Enti, ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua ntam mu no kyerɛɛ aseɛ , "Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn wɔnkɔ ewiase afanan nyinaa no."

11 Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no , "Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu ewiase nyinaa ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ."

12 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kaa , "Asafo Awurade, ɛnkɔsi da bɛn na wobɛyi wʼahummɔborɔ afiri Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson yi so?" 13 Enti, Awurade kaa abodwosɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.

14 Afei ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no kaa , "Pae mu ka saa asɛm yi: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yie, 15 nanso, me bo afu aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfu wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.

16 "Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu Yerusalem so,deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

17 "so pae mu ka , sei na Asafo Awurade seɛ: Nnepa bɛbu so me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ "

Mmɛn Ɛnan Ne Adwumfoɔ Ɛnan

18 Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan! 19 Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no , "Yeinom ɛdeɛn?"

Ɔbuaa me , "Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no."

20 Na Awurade kyerɛɛ me adwumfoɔ ɛnan. 21 Mebisaa , "Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?"

Ɔbuaa , "Mmɛn ɛnan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne tiri so, nanso adwumfoɔ yi aba wɔrebɛhunahuna wɔn, na woatutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no peteeɛ no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também