Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 5

Nwoma Mmobɔeɛ A Ɛtu

1 Mehwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ a ɛretu ewiem mʼanim! 2 Ɔbisaa me , "Ɛdeɛn na wohunu yi?"

Mebuaa , "Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛnenam ewiem a ne tenten anammɔn aduasa, na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn dunum."

3 Na ɔka kyerɛɛ me , "Yei ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛdeɛ ɛfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfoɔ biara, na ɛfa baako nso kyerɛ , obiara a ɔka ntanhunu no, wɔbɛpam no. 4 Asafo Awurade pae mu ka , Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfoɔ ne obiara a ɔde me din ka ntanhunu no fie. Ɛbɛka efie na asɛe ne nnua ne aboɔ.’ "

Ɔbaa A Ɔte Kɛntɛn Mu

5 Afei, ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me , "Ma wʼani so na hwɛ yei, deɛ ɛreba yi."

6 Mebisaa "Ɛyɛ ɛdeɛn?"

Ɔbuaa , "Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susu nneɛma." Ɔtoaa so , "nnipa a wɔwɔ ewiase yi mu bɔne ahyɛ no ma."

7 Afei wɔyii kɛntɛn no so sumpii mmuasoɔ no, na emu na na ɔbaa bi hyɛ! 8 Ɔkaa , "Yei atirimuɔdensɛm," afei ɔkaa ɔbaa no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuasoɔ no kataa no so.

9 Afei, memaa me tiri so mehunuu mmaa mmienu a wɔwɔ ntaban te asukɔnkɔn de danedane wɔn ho ewiem. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ ewiem, ɔsoro ne asase ntam.

10 Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no , "Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?"

11 Ɔbuaa , "Wɔde rekɔ Babilonia asase so akɔsi fie ama no. Na , wɔwie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akɔsi nʼafa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também