Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 12

Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfoɔ

1 Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho.

Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie: 2 "Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. 3 Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho. 4 Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam," sɛdeɛ Awurade seɛ nie. "Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani. 5 Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔn akoma mu , Yerusalemfoɔ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri Asafo Awurade wɔn Onyankopɔn.

6 "Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te ogyatɛn a ɛrederɛ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem baabi a ɔwɔ .

7 "Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam. 8 Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔn mu no bɛyɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ Onyankopɔn, te Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim. 9 Saa ɛda no, mɛhyɛ aseɛ asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.

Wotwa Adwo Ma Deɛ Wɔhwiree No No

10 "Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwire me, na wɔatwa adwo ama no te obi a ɔretwa adwo ɔba korɔ ho, na wɔasu yaaya te obi a ɔresu ne ba barima piesie. 11 Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ Megido asase tam so. 12 Asase no sofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid fie abusua ne wɔn yerenom, Natan fie abusua ne wɔn yerenom, 13 Lewifie abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, 14 ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também