Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 9

Atemmuo A Ɛtia Israel Atamfoɔ

1 Nkɔmhyɛ:

Awurade asɛm tia Hadrak asase

na ɛbɛka Damasko

ɛfiri , nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa

ani Awurade so.

2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no hyeɛ;

ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom wɔyɛ anyansafoɔ.

3 Tiro asi abandenden ama ne ho;

waboa dwetɛ ano te mfuturo,

ne sikakɔkɔɔ ano te dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

4 Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa

na wasɛe ne tumi a ɔwɔ ɛpo so,

na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.

5 Askelon bɛhunu na wasuro

Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu,

na Ekron nso saa ara, ɛfiri nʼanidasoɔ bɛsa.

Gasa bɛhwere ne ɔhene

na wɔbɛgya Askelon afituo.9.5 Askelon…Gasa…Ekron: Filistifoɔ nkuropɔn mmiɛnsa. Nʼanidasoɔ bɛsa: Ɛsiane sɛ Ekron da Filistiman atifi pɛɛ enti, ɛno na ɛbɛdi ɛkan ahunu amane. Nʼanidasoɔ sɛ Tiro bɛgyina mu ama no ɔhaw anaa abɛbrɛsɛ bi mu no nkɔsi hwee so.

6 Ananafoɔ bɛtena Asdod,

na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.

7 Mɛyi mogya9.7 Mogya—Ɛgyina hɔ ma abosom afɔrebɔ. Akyiwadeɛ nnuane—Nnapɔnna nnuane a ɛho nteɛ. Yebusifoɔ—Nnipa bi a wɔtenaa Yerusalem tete berɛ mu a wɔbɛfraa Yudafoɔ mu. (2 Sam 24.16-24). afiri wɔn ano,

akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano.

Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea

wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ,

na Ekron bɛyɛ Yebusifoɔ.

8 Nanso mɛbɔ me Fie ho ban

wɔn a wɔtetɛ korɔno ho.

Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio,

ɛfiri afei merewɛn.

Sion Ɔhene Ba

9 Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion!

Team, Ɔbabaa Yerusalem!

Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn.

Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ,

ɔdwo, na ɔte afunumu so,

afunumu ba so na ɔteɛ.

10 Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim

ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem,

na akodie tadua no wɔbɛbubu mu.

Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no.

Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo

ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

11 Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti,

mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu.

12 Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ;

seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

13 Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua

na mede Efraim bɛhyɛ mu.

Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion,

atia wo Hela mmammarima,

na mɛyɛ wo ɔkofoɔ akofena.

14 Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so;

nʼagyan bɛtwa yerɛ te anyinam.

Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no;

ɔbɛbɔ nsra atɔeɛ fam ahum mu,

15 Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn.

Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe

na wɔde adi nkonim.

Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã;

wɔbɛyɛ ma te kuruwa a

wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.

16 Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no

odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan.

Wɔbɛtwa nyinam nyinam nʼasase so,

aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho.

17 Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ afa!

Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so

na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também