Pular para o conteúdo
Publicidade

Sakaria 13

Bɔne Ho Ahodwira

1 "Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

2 "Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio," sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. "Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so. 3 obi so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no , Ɛsɛ wowuo, ɛfiri , wode Awurade din atwa atorɔ.ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.

4 "Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa. 5 Ɔbɛka , Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.6 Na obi bisa no , Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?Ɔbɛbua , Ɛyɛ akuro a menyaa me nnamfonom fie.’ "

Wɔbɔ Odwanhwɛfoɔ No, Na Nnwan No Hwete

7 "Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ,

tia onipa a ɔbɛn me!"

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

"odwanhwɛfoɔ no,

na nnwan no bɛbɔ ahwete,

na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.

8 Asase no so nyinaa," sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

"Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu;

na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka so.

9 Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu;

mɛnane wɔn te deɛ wɔnane dwetɛ,

na masɔne wɔn so sikakɔkɔɔ.

Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,

na mɛgye wɔn so.

Mɛka , Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,

na wɔbɛka , Awurade yɛn Onyankopɔn.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também