Pular para o conteúdo
Publicidade

Marko 3

Yesu Ka Nyaatwomfoɔ Anim

22 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa , "Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no."

23 Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu , "Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam? 24 Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu. 25 Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no. 26 Na Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo. 27 Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye , onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma. 28 Mereka akyerɛ mo , bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no; 29 nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da."

30 Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri , na wɔka , "Ɔwɔ honhommɔne."

Veja também