Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 3

Yesu Maame Ne Ne Nuanom

31 Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi , ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa. 32 Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu , "Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire wɔne wo kasa."

33 Yesu bisaa wɔn , "Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?"

34 Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa , "Yeinom ne me maame ne me nuanom! 35 Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame."

Veja também