Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛster 5

Ɛster Adesrɛ

1 Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano. 2 Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster ɔgyina adihɔ no, ɔgyee no so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.

3 Na ɔhene no bisaa no , "Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!"

4 Na Ɛster buaa , "ɛyɛ wo a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no."

5 Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ , "Monka nkyerɛ Haman , ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no."

Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no. 6 Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster , "Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ ɛdeɛn? wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo."

7 Ɛster buaa , "Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie: 8 ɔhene kɛseɛ ani me, na ɔpɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase."

Haman Mordekai Owuo

9 Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo nʼanim no, ne bo fuiɛ. 10 Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano, 11 de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho. 12 Afei, Haman ka kaa ho , "Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me , ɔpɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena." 13 Afei, ɔtoaa so , "Nanso, mehunu Yudani Mordekai ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee."

14 Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene , "dua a wɔsɛn nnipa so a ne ɔsorokɔ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no , ɔnsɛn Mordekai so. wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no." Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa so no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também