Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛster 6

Ɔhene Mordekai Aba So

1 Saa anadwo no, ɔhene no antumi anna, enti ɔmaa ɔsomfoɔ bi kɔfaa nʼahemman mu abakɔsɛm nkrataa baeɛ wɔnkenkan nkyerɛ no. 2 Ɔhunuu sɛdeɛ Mordekai kɔdaa atirisopam bi adi, deɛ Bigtana ne Teres a na wɔyɛ apiafoɔ baanu a na wɔwɛn ɔhene no apono ano no pamee nkrataa no mu. Wɔpamm ɔhene no tiri so wɔbɛkum no. 3 Ɔhene no bisaa , "Ɛdeɛn akatua anaa nkaeɛ adeɛ bɛn na wɔde ama Mordekai yei ho?" Asomfoɔ no buaa , "Wɔnyɛɛ hwee mmaa no."

4 Ɔhene no bisaa , "Hwan na ɔhyɛ akyire adihɔ no?" Ɛbaa , na afei na Haman abɛduru ahemfie adihɔ a ɛwɔ akyire no a ɔrebɛka akyerɛ ɔhene no, na wasɛn Mordekai dua a wasi no so.

5 Nʼasomfoɔ no buaa ɔhene no , "Haman na ɔhyɛ ."

Ɔhene no kaa , "Momfa no mmra mu."

6 Enti, Haman kɔɔ mu, maa ɔhene no bisaa , "Ɛdeɛn na menyɛ mfa nhyɛ ɔbarima a nokorɛm, ɔsɔ mʼani no animuonyam?"

Haman bisaa ne ho , "Hwan na ɔfata ɔhene hyɛ no animuonyam sene me?" 7 Enti, ɔbuaa , "ɔhene ɔhyɛ obi animuonyam a, 8 ɛsɛ ɔde nʼankasa ahentadeɛ mu baako ne nʼankasa pɔnkɔ a adehyeɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne moma so ba. 9 Ka kyerɛ mmapɔmma no mu baako a ɔdi mu yie, na ɔmfa ahentadeɛ nhyɛ no, na ɔnni nʼanim mfa no mmra adwaberem a ɔte ɔhene no ankasa pɔnkɔ so. Ɛsɛ mmapɔmma no gye no akurum , Saa na ɔhene wɔn a ɔpɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no!’ "

10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman , "Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na sɛdeɛ wopɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no."

11 Enti, Haman faa ahentadeɛ no de hyɛɛ Mordekai, de no tenaa Ɔhene no ankasa pɔnkɔ so, de no kɔɔ kuro no adwaberem a na ɔpae di nʼanim , "Saa na ɔhene wɔn a ɔpɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no."

12 Akyire yi, Mordekai sane kɔɔ ahemfie ɛpono no ano, na Haman de ɔyea a ano den ne aniwuo yɛɛ ntɛm kɔɔ efie. 13 Ɛberɛ a Haman bɔɔ ne yere Seres ne ne nnamfonom nyinaa amaneɛ no, wɔkaa , "Esiane Mordekai a ɔguu wʼanim ase yi Yudani enti, nhyehyɛeɛ biara a wobɛyɛ atia no no renyɛ yie. wotoa so tia no a, ɛbɛkɔ no bɔne ama wo." 14 Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, ɔhene apiafoɔ no baeɛ , wɔrebɛfa Haman akɔ Ɛster apontoɔ a wasiesie no ase.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também