Pular para o conteúdo
Publicidade

Ɛster 8

Mmara Foforɔ Boa Yudafoɔ

1 Ɛda no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafoɔ ɔtamfoɔ no agyapadeɛ8.1 Saa berɛ no, Ɔhene no de ne nsa to obi a wɔabu no kumfɔ no agyapadeɛ so. maa Ɔhemmaa Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, ɛfiri , na Ɛster akyerɛ sɛdeɛ ɔne no abusua. 2 Ɔhene no worɔɔ kawa a ɔgye firii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapadeɛ so.

3 Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no , Haman atirisopam a ɔpam de tiaa Yudafoɔ no, wɔmma wɔnnyae. 4 Bio, ɔhene no sɔɔ sika ahempoma no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti, ɔsɔre gyinaa nʼanim 5 kaa , "mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na ɔdwene ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu. 6 Na mɛyɛ dɛn matena ase ahwɛ wɔrekunkum me nkurɔfoɔ ne mʼabusuafoɔ, asɛe wɔn?"

7 Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ɛster ne Yudani Mordekai , "Mede Haman agyapadeɛ ama Ɛster, na wɔasɛn no dua so, ɛfiri , ɔpɛɛ ɔsɛe Yudafoɔ. 8 Afei, so fa ɔhene din to nkra kɔma Yudafoɔ, ka deɛ wopɛ biara kyerɛ wɔn, na fa ɔhene kawa no ano. Nanso, kae , biribiara a wɔatwerɛ ɔhene din mu de ne kawa asɔ ano no, wɔnnane ani."

9 Enti, Siwan bosome (bɛyɛ Ayɛwohomumu) da a ɛtɔ so aduonu enum no, wɔfrɛɛ ɔhene atwerɛfoɔ. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔtwerɛɛ mmara kɔmaa Yudafoɔ ne mmapɔmma, amradofoɔ ne mpasua no mu adwumayɛfoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson no mu, ɛfiri India kɔsi Etiopia. Wɔtwerɛɛ mmara no kasa hodoɔ a nnipa no ka no ahemman no mu, a Yudafoɔ no ka ho. 10 Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene no kawa sɔɔ ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfoɔ ahoɔherɛfoɔ a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no som no so.

11 Ɔhene no mmara no maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan , ɔman anaa ɔmantam biara a ɛbɛtu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan , wɔkunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fo wɔn atamfoɔ no agyapadeɛ. 12 Ɛda pɔtee a wɔtu sii maa adeyɛ yi ɔhene Ahasweros mantam mu no Adar bosome (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛtɔ so nson afe a na wɔrebɛsim no mu. 13 Ɛsɛ wɔfa mmara yi sɛso ɔmantam biara mu mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfoɔ nyinaa. ɛba saa a, saa da no, Yudafoɔ no bɛsiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfoɔ so were.

14 Ɔhene asɛm no enti, abɔfoɔ no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara korɔ no ara bi Susa aban no mu.

15 Na Mordekai hyɛɛ ahentadeɛ tuntum ne fufuo ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ, na ɔhyɛɛ batakari afasebire ngugusoɔ fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforɔ no ho fa. 16 Anigyeɛ ne ahosɛpɛ hyɛɛ Yudafoɔ no ma ma, na wɔhyɛɛ wɔn animuonyam baabiara. 17 Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no duruiɛ no, Yudafoɔ no sɛpɛɛ wɔn ho, hyɛɛ fa kɛseɛ na wɔdii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri , na wɔsuro deɛ Yudafoɔ no bɛyɛ wɔn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também