Yesu Brɛ Ahum Ase
35 Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa." 36 Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi. 37 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem. 38 Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?"
39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, "Yɛ dinn!" Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!
40 Yesu bisaa wɔn sɛ, "Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?"
41 Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, "Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?"