Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 4

37 Prɛko , ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ ɛremem. 38 Saa ɛberɛ no, na Yesu kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?"

39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no , "dinn!" Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!

40 Yesu bisaa wɔn , "Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?"

41 Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?"

Veja também