Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 13

Nehemia Nsiesie Nnwuma

1 Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka , ɛnsɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase. 2 Aseɛ ne , ɛberɛ a Israelfoɔ firii Misraim no, wɔne wɔn anni no yie. Mmom, wɔbɔɔ Balaam paa ɔnnome wɔn, nanso yɛn Onyankopɔn danee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira. 3 Wɔkenkan saa mmara no wiee no, wɔpamoo amanfrafoɔ no nyinaa firii badwa no ase.

4 Ansa na saa asɛm yi rebɛsi no, na ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔyii no ɔnyɛ Onyankopɔn Asɔredan no adekoradan sohwɛfoɔ no a na ɔsane Tobia busuani no, 5 adane adekoradan kɛseɛ no bi mu de ahyɛ Tobia nsa. Na anka saa dan no mu na wɔkora atokoɔ afɔrebɔdeɛ, aduhwamfufuo, Asɔredan no nkuku ne nkaka ne atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ, ngo ne kyɛfa sononko a wɔahyɛ wɔmfa mma asɔfoɔ. Na Mose ahyɛ saa afɔrebɔdeɛ no Lewifoɔ, nnwomtofoɔ ne aponoanohwɛfoɔ dea.

6 Saa ɛberɛ no, na menni Yerusalem. Na masane Babiloniahene Artasasta nkyɛn nʼahennie afe a ɛtɔ so aduasa mmienu so. Akyire no na ɔmaa me kwan mensane mmra. 7 Mebɛduruu Yerusalem, na metee bɔne a Eliasib ayɛ, ɔde Onyankopɔn Asɔredan adihɔ dan bi ama Tobia no, 8 ɛtɔɔ me so, na meyii Tobia nneɛma a ɛwɔ dan no mu no nyinaa guiɛ. 9 Afei mehyɛɛ , wɔnnwira adan no nyinaa ho, na mede Awurade Asɔredan no nkuku ne nkaka no, atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne aduhwamfufuo no sane bɛguu mu.

10 Mesane hunuu wɔmfaa deɛ ɛsɛ Lewifoɔ no nya no mmaa wɔn, enti, na wɔne nnwomtofoɔ no a ɛsɛ wɔhwɛ ɔsom no so no asane akɔyɛ adwuma wɔn mfuo mu. 11 Ɛhɔ ara na mekɔɔ ntuanofoɔ no nkyɛn, kɔbisaa wɔn , "Adɛn enti na moayi mo ani afiri Onyankopɔn Asɔredan no so?" Na mefrɛɛ Lewifoɔ no nyinaa, maa wɔsane baeɛ, de wɔn tuatuaa nnwuma a ɛsɛ wɔyɛ ano.

12 Na bio, Yudafoɔ nyinaa hyɛɛ aseɛ de wɔn atokoɔ ntotosoɔ dudu, nsã foforɔ ne ngo baa Asɔredan no adekoradan no mu. 13 Na mede adekoradan no hyɛɛ ɔsɔfoɔ Selemia, mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ Sadok ne Lewifoɔ no mu baako a wɔfrɛ no Pedaia nsa wɔnhwɛ so. Na meyii Sakur babarima Hanan a ɔyɛ Matania nana wɔn ɔboafoɔ. Na saa mmarima yi edin pa, na wɔn adwuma ne , wɔde nokorɛ bɛkyɛ nneɛma ama wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ no.

14 Kae saa ade pa yi , Ao me Onyankopɔn, na mma wo werɛ mfiri deɛ mefiri nokorɛdie mu ayɛ nyinaa de ama me Onyankopɔn Asɔredan.

15 Ɛda koro Homeda bi, mehunuu Yuda mmarima bi wɔretiatia wɔn nsakyiamena so. Na wɔrehyehyɛ atokoɔ afiafi wɔn mfunumu so de aba. Na saa da no, na wɔde wɔn nsã, bobe aba, borɔdɔma ne mfudeɛ bebree reba Yerusalem abɛtɔn. Na mekaa wɔn anim , wɔretɔn wɔn mfudeɛ homeda. 16 Na mmarima bi nso firi Tiro a wɔde nsuomnam ne adwadeɛ ahodoɔ bebree aba. Na wɔretɔn no Homeda ama Yudafoɔ Yerusalem fie ankasa! 17 Ɛno enti, mekɔɔ Yuda ntuanofoɔ no so, kɔbisaa wɔn , "Adɛn enti na mode saa bɔne yi gu homeda ho fi? 18 Monnim mo agyanom yɛɛ saa bi no enti na yɛn Onyankopɔn de saa ɔhaw a ɛwɔ yɛn so seesei yi brɛɛ yɛn ne yɛn kuro yi? Gu a moregu Homeda no ho fi ntrasoɔ seesei no bɛma abufuhyeɛ aba Israelfoɔ so."

19 Na afei, mehyɛɛ , ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ, Efiada biara anwummerɛ, wɔntoto kuro no apono mu a wɔmmue ara kɔsi Homeda no bɛtwam. Bio, memaa mʼankasa mʼasomfoɔ kɔwɛnn apono no, sɛdeɛ wɔrentumi mfa adwadeɛ mma homeda no. 20 Adwadifoɔ ne nsaanodwumayɛfoɔ a wɔde adwadeɛ ahodoɔ ba no soɛɛ Yerusalem mfikyire pɛnkorɔ anaa mprenu. 21 Nanso, mekasa kyerɛɛ wɔn anibereɛ so , "Ɛdeɛn na motete ɔfasuo yi akyi reyɛ? moyɛ saa bio a, mɛkyere mo!" Ɛfiri , wɔamma Yerusalem Homeda bio. 22 Na mehyɛɛ Lewifoɔ no , wɔnnwira wɔn ho, na wɔnnwɛn apono no sɛdeɛ Homeda no kronnyɛ no bɛka .

Kae saa ade pa yi nso, Ao me Onyankopɔn, na wʼadɔeɛ kɛseɛ a ɛnsa da no enti, hunu me mmɔbɔ.

23 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, mehunuu Yuda mmarima no bi awareware mmaa a wɔfiri Asdod, Amon ne Moab. 24 Na deɛ na ɛnyɛ koraa ne , na wɔn mma no mu fa ka Asdod ne nnipa foforɔ bi kasa a na wɔntumi nka Yudafoɔ kasa no koraa. 25 Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim , wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ. 26 Mebisaa , "Ɛnyɛ yei bi pɛpɛɛpɛ na ɛde Israelhene Salomo kɔɔ bɔne mu no?" Na wode ɔman biara so ɔhene to ne ho a, ɛnyɛ yie. Onyankopɔn dɔɔ no, na ɔsii no ɔhene Israel nyinaa so. Nanso, ɔno mpo ananafoɔ awadeɛ de no kɔɔ bɔne mu. 27 Ɛdeɛn na ɛha mo ma modwene mobɛware ananafoɔ mmaa, na monam so ayɛ bɔne a ɛte saa, na monni Onyankopɔn nokorɛ?

28 Esiane ɔsɔfopanin Eliasib babarima Yehoiada aware Horonni Sanbalat babaa enti, mepamoo no firii mʼanim.

29 Kae wɔn, Ao me Onyankopɔn, ɛfiri , wɔagu asɔfodwuma, asɔfoɔ ne Lewifoɔ bɔhyɛ ne ntam ho fi.

30 Enti, meguu biribiara a ɛyɛ ananasɛm, na mede nnwuma hyehyɛɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nsa, hwɛɛ obiara nim nʼadwuma. 31 Mehwɛɛ nso , nnyina a ɛba afɔrebukyia so no nso bɛba mmerɛ a ɛsɛ mu, na afei wɔbɛgye otwa a ɛdi ɛkan no mu nnɔbaeɛ de abrɛ asɔfoɔ no.

Kae yei na dom me, Ao me Onyankopɔn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também