Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 6

Nsiesie No Ntiamu Kɔɔ So Ara

1 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no, 2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me , menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu wɔrepam me tiri so, 3 enti memaa wɔn mmuaeɛ , "Mereyɛ adwuma kɛseɛ bi a merentumi nnyae mmɛhyia mo." 4 Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara.

5 Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ. 6 Na krataa no mu nsɛm nie:

"Gesem aka akyerɛ me , baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne , wopɛ wobɛdi wɔn so ɔhene. 7 Ɔkɔ so ka , woayi adiyifoɔ bi wɔnhyɛ wo ho nkɔm Yerusalem , Monhwɛ! Ɔhene bi Yuda!Ɛsɛ wogye to mu , saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm."

8 Mebuaa , "Wonim woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu."

9 Huna na na wɔpɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no . Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.

10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa , "Ma yɛn nhyia Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi."

11 Na mebuaa , "Enti, ɛsɛ obi a ɔte me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ obi a ɔte me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!" 12 Mehunuu Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri , Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13 Na wɔsusu wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.

14 Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte ɔno a wɔpɛɛ wɔhunahuna me no.

Adansifoɔ No Wie Ɔfasuo No To

15 Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase. 16 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.

17 Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam. 18 Ɛfiri , na Yudafoɔ bebree aka ntam , wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa. 19 Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também