Pular para o conteúdo
Publicidade

Nehemia 7

1 Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. 2 Meyii me nuabarima Hanani ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. 3 Meka kyerɛɛ wɔn , "Adekyeeɛ mu, ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna . Na aponoanohwɛfoɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn awɛneeɛ , na ebi nso awɛn wɔn ankasa afie anim."

Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin

4 Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da , nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. 5 Na me Onyankopɔn maa me adwene memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 7 Wɔn ntuanofoɔ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.

Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

8 Abusuafoɔ dodoɔ nie:

  Paros 2,172

   9 Sefatia 372

   10 Arah 652

   11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,818

   12 Elam 1,254

   13 Satu 845

   14 Sakai 760

   15 Bani 648

   16 Bebai 628

   17 Asgad 2,322

   18 Adonikam 667

   19 Bigwai 2,067

   20 Adin 655

   21 Ater (Hesekia asefoɔ) 98

   22 Hasum 328

   23 Besai 324

   24 Harif 112

   25 Gibar 95

26 Mmarima a wɔfiri

  Betlehem ne Netofa 188

   27 Anatot 128

   28 Bet-Asmawet 42

   29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743

   30 Rama ne Geba 621

   31 Mikmas 122

   32 Bet-El ne Ai 123

   33 Nebo 52

   34 Elam 1,254

   35 Harim 320

   36 Yeriko 345

   37 Lod, Hadid ne Ono 721

   38 Senaa 3,930

39 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ 973

40 Imer asefoɔ 1,052

41 Pashur asefoɔ 1,247

42 Harim asefoɔ 1,017

43 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ 74

44 Nnwontofoɔ:

Asaf asefoɔ 148

45 Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ:

Salum, Ater, Talmon asefoɔ,

Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ 138

46 Asɔredan mu asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,

47 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

48 Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ,

49 Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ,

50 Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ,

51 Gasam, Usa, Paseah asefoɔ,

52 Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ,

53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

54 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

55 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

56 Nesia ne Hatifa asefoɔ

57 Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:

Sotai, Soferet, Perida asefoɔ,

58 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

59 Sefatia, Hatil,

Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ,

60 Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ 392

61 Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie , wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel:

62 Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ 642

63 Asɔfoɔ baasa a wɔn din de

Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)

64 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom asɔfoɔ. 65 Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea saa asɛm yi ho.

66 Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ (42,360), 67 a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) nnwomtofoɔ. 68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245). 69 Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720).

70 Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530). 71 Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no. 72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67).

73 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔn ankasa nkuro so.

Ɛsra Kenkan Mmara No

Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também