Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 5

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Honhommɔne Yadeɛ

1 Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi Gerasefoɔ asase so. 2 Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no. 3 Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ . 4 Ɔyɛ obi a na ne ho den yie enti, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. 5 Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano nam twitwa ne ho.

6 Ɔbarima yi hunuu Yesu akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe. 7 Ɔteateaam , "Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!" 8 Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no , "Honhommɔne, firi ne mu fi!"

9 Yesu bisaa no , "Wɔfrɛ wo sɛn?"

Ɔbuaa Yesu , "Me din de Ɛdɔmɛfiri , yɛdɔɔso." 10 Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri.

11 Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no. 12 Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu , "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." 13 Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.

14 Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no.

Veja também