Pular para o conteúdo
Publicidade

Marcos 6

22,23 Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa . Herode de ntamka kyerɛɛ ababaawa no , "Bisa me biribiara a wopɛ; mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!"

24 Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no , "Bisa no Yohane Osubɔni ti!"

25 Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Mepɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!"

26 Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane na waka ntam nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so. 27 Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako ɔnkɔ afiase nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti, 28 na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame.

Veja também