Publicidade

Marcos 6

Odiyifoɔ A Ɔnni Animuonyam

1 Yesu firi baabi a ɔwɔ kɔɔ ne kurom a nʼasuafoɔ no ka ne ho. 2 Ɔkɔɔ hyiadan mu Homeda, hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ, maa dodoɔ a wɔbɛtiee no ho dwirii wɔn.

Wobisaa , "Ɛhe na saa onipa yi nyaa saa nneɛma yi, ɛdeɛn nyansa na wɔde ama no a enti ɔtumi anwanwadeɛ yi? 3 Ɛnyɛ dua dwumfoɔ ba no ni? Ɛnyɛ Maria babarima a ne nuanom ne Yakobo, Yosef, Yuda ne Simon no nie? Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha!" Na wɔn bo fuu no.

4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Odiyifoɔ kurom, nʼabusuafoɔ mu, ne ne fie na ɔnni animuonyam." 5 Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ , gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ. 6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa.

Yesu Soma Asuafoɔ Dumienu No

Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ. 7 Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ dumienu no baa ne nkyɛn, na ɔsomaa wɔn baanu baanu, maa wɔn tumi ahonhommɔne so.

8 Akwankyerɛ a ɔde maa wɔn nie, "Mommfa biribiara nkura gye mo poma nko ara; mommfa aduane anaa kotokuo anaa sika. 9 Bio, mommfa mpaboa foforɔ anaa atadeɛ foforɔ nka deɛ ɛhyɛ mo yi ho. 10 Baabiara a mobɛkɔ no, montena efie baako mu. Monnsesa mo atenaeɛ. 11 Na morefiri kuro bi a wɔannye anaa wɔantie mo no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase tutuo, mfa nni adanseɛ."

12 Asuafoɔ no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ obiara a wɔhyiaa no no ɔnnu ne ho, ntwe ne ho mfiri ne bɔne ho. 13 Na wɔtutuu ahonhommɔne bebree, de ngo sraa ayarefoɔ pii saa wɔn yadeɛ.

Yohane Osubɔni No Kum

14 Ɔhene Herode tee yei, ɛfiri na Yesu din atrɛ. Ebinom kaa , "Yohane Osubɔni no na wasane aba nkwa mu bio, enti na ɔtumi anwanwadeɛ a ɔyɛ yi."

15 Ebinom nso susuu , Yesu Odiyifoɔ Elia na wasane aba.

Afoforɔ nso kaa , odiyifoɔ foforɔ bi a ɔte tete adiyifoɔ akɛseɛ no bi na waba.

16 Herode kaa , "Dabi, ɛyɛ Yohane Osubɔni a metwaa ne ti no. Wanyane afiri owuo mu."

17 Saa ɛberɛ no, na Herode asoma asraafoɔ ma wɔakɔkyere Yohane de no ato afiase, ɛfiri , na Yohane akasa atia Herode ne Herodia a na ɔyɛ Herode nua Filipo yere no awadeɛ. 18 Yohane Osubɔni ka kyerɛɛ Herode , "Wonni ho ɛkwan woware wo nua yere." 19 Asɛm a Yohane kaeɛ no anyɛ Herodia nso , ma ɔnyaa ne ho menasepɔ kaa , ɛsɛ wɔkum Yohane. Nanso, ɔrentumi nku no gye Herode ama no tumi. 20 Na Herode de obuo ma Yohane, ɛfiri , na ɔnim ɔyɛ onipa tenenee. Yei enti, ɔbɔɔ ne ho ban. Ɛberɛ biara a Horode ne Yohane bɛkasa no, na ne ho yera no, nanso yei nyinaa akyi no, ɔde ntoboaseɛ tiee no.

21 Deɛ Herodia pɛɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne , na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ. 22,23 Herodia babaa bɛsa kyerɛɛ wɔn ma ɛyɛɛ wɔn nyinaa . Herode de ntamka kyerɛɛ ababaawa no , "Bisa me biribiara a wopɛ; mʼahemman mu fa mpo na wopɛ koraa a, mede bɛma wo!"

24 Ababaawa yi kɔɔ ne maame nkyɛn kɔbisaa no deɛ ɔmmisa, ma ɔka kyerɛɛ no , "Bisa no Yohane Osubɔni ti!"

25 Ababaawa yi de ahoɔherɛ sane baa ɔhene no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Mepɛ wode Yohane Osubɔni tiri to prɛte mu ma me seesei ara!"

26 Yei maa ɔhene no werɛ hoeɛ, nanso ɛsiane na waka ntam nnipa no anim no enti, wammu ɛbɔ a ɔhyɛɛ ne babaa no so. 27 Herode somaa nʼasraafoɔ no mu baako ɔnkɔ afiase nkɔtwa Yohane ti mfa mmrɛ no. Ɔsraani no kɔtwaa Yohane Osubɔni ti, 28 na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 29 Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no ɔboda bi mu.

Yesu Ma Nnipa Mpemnum Aduane

30 Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31 Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra." Deɛ ɛma ɔkaa saa ne , na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi.

32 Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni . 33 Nanso, ɛberɛ a wɔrekɔ no, nnipa pii hunuu wɔn, na wɔtuu mmirika faa mpoano kɔhyiaa wɔn. 34 Yei enti, ɛberɛ a Yesu sii fam no, na nnipakuo ahyia . Ɔhunuu wɔn no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri , na wɔte nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree a ɛsɛ wɔhunu.

35 Onwunu reyɛ adwo no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no , "Adeɛ resa. Aduane biara nso nni ha. 36 Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduane bi nni."

37 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momma wɔn aduane nni."

Wɔbisaa no , "Ansa na yɛbɛtumi ama saa nnipa dodoɔ yi aduane no, ɛsɛ yɛnya abosome nwɔtwe akatua. yɛse yɛbɛma wɔn aduane a, yɛrennya saa nnipakuo yi ho sika!"

38 Yesu bisaa wɔn , "Burodo ahe na yɛwɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."

Wɔsane ba bɛka kyerɛɛ no , "Wɔwɔ burodo enum ne mpataa mmienu."

39 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no , wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuakuo ɛserɛ no so. 40 Enti, wɔtenatenaa ase akuakuo a ebi ɔha na ebi aduonum. 41 Yesu faa burodo enum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpaeɛ, hyiraa so. Ɔbubuu burodo no mu de maa asuafoɔ no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. 42 Nnipa no dii aduane no maa obiara meeɛ! 43 Nnipa a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum; 44 na wɔtasee aseɛ nkaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.

Yesu Nante Nsuo Ani

45 Adidie no akyi , Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , wɔnkɔtena kodoɔ no mu, na wɔnni ɛkan nkɔ Betsaida, na ɔregya nnipakuo no ɛkwan na wati wɔn. 46 Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ no so kɔbɔɔ mpaeɛ.

47 Anadwo no a asuafoɔ no te kodoɔ mu aduru nsuo no mfimfini no, na Yesu nko ara na ɔwɔ mpoano. 48 Ɔhunuu na wɔn ho akyere wɔn; ɛne , mframa a ano den ne asorɔkye dweradweraa kodoɔ no, enti na wɔrebrɛ ɔkodoɔ no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, ɔnantee nsuo no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ ɔretwa wɔn ho. 49 Ɛberɛ a asuafoɔ no hunuu obi ɔnam nsuo no ani no, wɔde ehu teateaam ɛfiri , na wɔsusu wɔahunu ɔsaman. 50 Wɔn nyinaa hunuu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Monnsuro!" 51 Afei, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ! Asuafoɔ no ho dwirii wɔn, 52 ɛfiri , na wɔnnte aduanema no ase, na wɔapirim wɔn akoma.

Genesaret Ayaresa

53 Wɔtwaa asuo no baa Genesaret na wɔduruu no, wɔde kodoɔ no baa mpoano. 54 Na wɔsi firii kodoɔ no mu no, nnipa a wɔgyina no hunuu no. 55 Wɔtuu mmirika kyinii nkuro a atwa ahyia no nyinaa so soaa nnipa a wɔyare da wɔn kɛtɛ so brɛɛ no baabiara a wɔtee ɔwɔ. 56 Na nkuraa ase anaa nkuro so baabiara a ɔkɔreɛ no, wɔde ayarefoɔ bɛguu mmɔntene so, srɛɛ no , ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatadeɛ ano kɛkɛ. Ayarefoɔ dodoɔ a wɔtumi de wɔn nsa kaa nʼatadeɛ ano no ho yɛɛ wɔn den.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-