22 Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ: 23 "Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel" a aseɛ ne sɛ, "Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ."
24 Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere. 25 Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din "Yesu."