Publicidade

Mateus 11

Yohane Osubɔni Ahoyera

1 Yesu wiee nʼasuafoɔ dumienu no kasakyerɛ no, ɔfirii kɔɔ nkuro a ɛbemmɛn no mu kɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no.

2 Yohane Osubɔni a saa ɛberɛ no na ɔda afiase no tee anwanwadeɛ a Kristo reyɛ no, ɔsomaa nʼasuafoɔ bɛbisaa no , 3 "Wo ne deɛ ɔreba no, anaa yɛnhwɛ ɔfoforɔ anim?"

4 Yesu buaa wɔn , "Monsane nkɔ, nkɔka anwanwadeɛ a moahunu ne deɛ moate nkyerɛ Yohane , 5 anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho ate, asotifoɔ te asɛm, na awufoɔ nso nyane. Afei, monka nkyerɛ no , meka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ. 6 Monsane nka nkyerɛ no bio , Nhyira ne deɛ merenyɛ no suntidua."

7 Yohane asuafoɔ no kɔeɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no. Ɔbisaa wɔn , "Mokɔɔ ɛserɛ so no, ɛdeɛn na mokɔɔ morekɔhwɛ? Ɛserɛ a mframa rebɔ no? 8 Anaa na mosusu mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ ɔhene ba te ahemfie? 9 Anaa Onyankopɔn odiyifoɔ? Ɛnneɛ, mereka makyerɛ mo , ɔsene odiyifoɔ. 10 Na saa Yohane yi na Atwerɛsɛm no ka fa ne ho ,

" Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan.

Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.

11 Nokorɛ nie, nnipa a mmaa awo wɔn nyinaa mu, obiara nni a ɔyɛ kɛse sene Yohane Osubɔni. Nanso, deɛ ɔyɛ aketewa koraa Ɔsoro Ahennie mu no ɔkɛseɛ sene no! 12 Na ɛfiri ɛberɛ a Yohane Osubɔni firii aseɛ kaa asɛmpa no, bɔɔ nkurɔfoɔ asu de bɛsi ɛnnɛ no, Ɔsoro Ahennie no de tumi retrɛ na nnipadɔm a wɔn ani abereɛ refa no aniɛden so. 13 Ansa na Yohane rebɛba no, na adiyifoɔ ne Mose mmara no aka ɔsoro ahennie no ho asɛm dada. 14 mopɛ mote deɛ mereka no ase deɛ a, Yohane no, ɔno ne Elia a adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm ɔbɛba no. 15 Deɛ ɔwɔ aso no, ɔntie!

16 "Ɛdeɛn ho na mɛtumi de nnɛmmafoɔ yi atoto? Wɔte mmɔfra a wɔte baabi redi agorɔ. Ɛfa ka kyerɛ ɛfa ,

17 " Yɛtoo anigyeɛ nnwom maa mo,

nanso moansa.

Yɛtoo awerɛhoɔ nnwom nso maa mo,

nanso moansu.

18 Yohane baeɛ a ɔnnidi na ɔnnom no, wɔse, Ɔwɔ honhommɔne. 19 Onipa Ba no baeɛ a ɔdidi na ɔnom no nso, wɔse, Monhwɛ odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ a ɔyɛ ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!Nanso, wɔn a wɔdi Onyankopɔn akyi nokorɛ mu no deɛ, wɔn bra di adanseɛ , nʼakwan nyinaa ."

Korasin, Betsaida Ne Kapernaum, Monnue!

20 Afei, ɔhyɛɛ aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ nanso wɔannu wɔn ho no anim , 21 "Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ no mo mu no, meyɛɛ no Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. 22 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon! 23 Na wo Kapernaum, wopɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman. Anwanwadeɛ a meyɛɛ no wo no, wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛda so bɛsi ɛnnɛ. 24 Mereka nokorɛ akyerɛ mo , Atemmuo da no, Tiro ne Sodom bɛnya gyinabea pa asene mo!"

Agya No Ayɛyie

25 Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ , "Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa. 26 Aane, Agya, wo mu na woma ɛbaa saa.

27 "Mʼagya no de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim Ɔba no gye Agya no nko ara. Na obiara nnim Agya no gye Ɔba no, ne wɔn a Ɔba no ɔda no adi kyerɛ wɔn.

28 "Mo a moayɛ adwuma abrɛ na moasoa nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome. 29 Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri , medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra. 30 Ɛfiri , me kɔnnua mmerɛ, na mʼadesoa hare."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-